Question 1Berɛ a me sewaa woeɛ no, n’awofoɔ kɔmaa noA.YaakɔB.DammirifuaC.AfirimD.DueObjective Show full explanation
Question 2Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ yɛma no akwaabaA.Obi a ɔretu kwanB.Obi a waware foforoC.Obi a ɔfiri akwantuom abaD.Obi a yɛakye no sɛ ɔrewia adeɛObjective Show full explanation
Question 3Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ nokorɛ wɔ Akanfoɔ nkyea ho, gye sɛA.Sɛ obi rekɔgya ne nan a, ɔnkyeaB.Sɛ obi redidi a, yɛnkyea noC.Yɛkyea firi nifa soD.Yɛmfa yɛn nsa bɛnkum nkyeaObjective Show full explanation
Question 4Berɛ bɛn na Akanfoɔ ma obi due-ne-onwunu?A.AnwummerɛB.AnɔpaC.PrɛmotobrɛD.AwiaObjective Show full explanation
Question 5Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɔkanni ba biara di kan nyaA.Aborɔfo dinB.KradinC.Adakam dimD.Abusua dinObjective Show full explanation
Question 6Akanfoɔ abadintoɔ mu no, nsuo ne nsa a wɔde sosɔ abofra no tɛkyerɛma so no gyina hɔ maA.AniɛdenB.AkokoɔduroC.AnoteɛD.NokorɛdieObjective Show full explanation
Question 7Akanfoɔ tumi bɔ Kofi mmrane sɛA.OgyamB.BoduaC.AtoapomaD.Tuo/ kyiniObjective Show full explanation
Question 8Sɛ ɔbaa bi wo ntaa na sɛ ɛyɛ ɔbaa ne barima a yɛka sɛ wawoA.Ahuhuro ne AwɔB.Takyi ne KuroC.Ahum ne AhamD.Sika ne AmaneɛObjective Show full explanation
Question 9Agya Abankwa ne ne yere mma mmienu a, ɛdi kan yɛ mmarima. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ ɔbaa a, wɔbɛfrɛ no sɛn?A.KontɔB.MɛnsaC.AdantamD.AhuhuroObjective Show full explanation
Question 10Ɔbaa bi ware a ne deɛn ne ne kunu nuabaa?A.Ne sewaa baB.Ne koraC.N’akumaaD.N’aseObjective Show full explanation
Question 11Nnipa yi mu hwan na Akanman mu ɔyɛ ɔbarima bi wɔfase?A.Ne nuabaa baB.Ne nana baC.Ne nuabarima baD.Ne wɔfa baObjective Show full explanation
Question 12Yei na ɛdi adanseɛ sɛ ɔbarima bi aware ɔbaa bi wɔ Akanman muA.KawaB.Tiri nsaC.AyeforɔD.DantaObjective Show full explanation
Question 13Akanfoɔ frɛ aduane edi kan a ɔbaa a wɔayɛ ne ho adeɛ foforɔ yɛ de kɔma ne kunu no nen ne nkurɔfoɔ sɛA.AduanekanB.AduanewoɔC.AduanekɛseɛD.AduanepaObjective Show full explanation
Question 14Sɛ wɔgu ɔbaa bi hyire a, na ɛkyerɛ sɛA.N’awareɛ no asɔ twannB.N’awareɛ no adi nkunimC.N’awareɛ no atu mpɔnD.N’awareɛ no agu koraaObjective Show full explanation
Question 15Akanfoɔ bragorɔ mu, sɛ wohunu sɛ dua tua ɔbrani no ano a, ɛkyerɛ sɛA.Ɔyɛ agyankaB.Ne maame wuiɛ nkyɛreeɛC.Ɛkɔm de noD.Obi asi no asiwaObjective Show full explanation
Question 16Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ Akanfoɔ akyiwadeɛ gye sɛA.Woredidi na worenom nsuoB.Wode wo nsa benkum si fam berɛ a woredidiC.Wo ne wo papa redidi na wodi kan sɔreD.Woredidi na woreto dwomObjective Show full explanation
Question 17Sɛ obi ka ntam wɔ Akanman mu a, hwan na ɔkye ne dedua?A.ƆkyeameB.ƆheneC.AhenkwaaD.DabeheneObjective Show full explanation
Question 18Akanfoɔ ayiyɛ mu no, sɛ mmaa su kɔ tia ba tia ansa na wɔahyɛ ayie no ase a, yɛka sɛ wɔretoA.AyikanB.AyinanC.SudwereD.SukanObjective Show full explanation
Question 19Akanfoɔ frɛ nkra a obi a ɔrewu ne n’abusuafoɔ di no sɛA.NsamankɔmB.NsamankraC.NsamanseɛD.NsamantoaObjective Show full explanation
Question 20Sɛ obi wu na sɛ yɛka sɛ ɛyɛ sodoɔ a, na yɛrepɛ akyerɛ sɛA.Owufoɔ no anwo baB.Owufoɔ no wuu atɔfowuoC.Owufoɔno anyare anna hɔ ankyɛD.Owufoɔ no na ɔdi kan a wawu ne maame mma muObjective Show full explanation
Question 21Akanfoɔ amammerɛmu no, sɛ ɔbarima bi wu gya ne yere akyire a, ɛdi nna sɛn na ɔbaa no tumi ware foforɔ?A.Abosome nkronB.AfeC.Abosome nsiaD.Abosome mmiɛnsaObjective Show full explanation
Question 22Sɛ wɔde obi di hene a, edin bɛn na Akanfoɔ de to abɔfra ɔbɛdi kan awo no?A.KantinkaB.AhenkanC.BɛkoeD.PiesieObjective Show full explanation
Question 23Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na wɔfrɛ no “ɔhene yere”?A.ƐsɛnB.KontiheneC.DabeheneD.ƆkyeameObjective Show full explanation
Question 24Sɛ ɔhene yɛ deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako a, wɔtumi gyina so tu no.A.Sɛ ɔdidi wɔ abɔntenB.Ɔbɛhyɛ atadeɛ apueC.Sɛ ɔbɛbɔ tikwaD.Sɛ ɔbɛdi nkɔmmɔ wɔ abɔntenObjective Show full explanation
Question 25Wɔdi Apoɔ afahyɛ wɔ mantam bɛn mu?A.Apueeɛ mantamB.Asante mantamC.Bono Ahafo mantamD.Atɔeɛ mantamObjective Show full explanation
Question 26Edin foforɔ a Akanfoɔ de frɛ Akwasidɛɛ neA.KurukwasieB.NkyekwasieC.KwakwasieD.MonokwasieObjective Show full explanation
Question 27Akanfoɔ frɛ beaeɛ a okuani bɔ ne kookoo, bese na ɔburu sɛA.KookooaseB.AhyiaeɛmC.AhyehyɛeɛD.AbɔeɛObjective Show full explanation
Question 28Sɛ ɔbɔfoɔ kɔ ahayɔ a, ɛdeɛn na ɔyɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnyera?A.Ɔbotabota nnuaa hoB.Ɔgu ahahanC.Ɔde akaadoo gugu kwan no soD.Ɔde nso gugu kwan no soObjective Show full explanation
Question 29Sɛ ɔbɔfoɔ kum ɔbɔpɔn a, ɔdwareA.AyeraduroB.SasaduroC.AbɔpɔnduroD.AtuduroObjective Show full explanation
Question 30Obi a ɔsene nnua de yɛ akuaba, asɛsɛdwa, waduro, ntwene ne ade no, wɔfrɛ no sɛnA.DuadwonfoɔB.ƆtomfoɔC.SikadwomfoɔD.DadedwomfoɔObjective Show full explanation
Question 31Ɔkanni ka sɛ adaduanan a ɛyɛ nnawɔtwe dodoɔ sɛn?A.NsiaB.Num ne faC.NumD.Nsia ne faObjective Show full explanation
Question 32Twifoɔ nnabuo mu no, Ahinime yɛ bosome a ɛtɔ soA.NanB.NsiaC.NwɔtweD.DuObjective Show full explanation
Question 33Mpanin se, “Aberewa bɛdi twɛdeɛ a na ɛfiri….”A.Ne seB.Ne pomaC.N’anoD.N’animObjective Show full explanation
Question 35Mmɛ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛkasa tia akwadworɔ?A.Abɔfra bɔ nwa na ɔmmɔ akyekyedeɛB.Wote faako a, wote w’adeɛ soC.Deɛ odwan pɛ na ɔde ne fufuo bɔD.Niwaa mma nsaeɛ a, wɔfase nni adeɛObjective Show full explanation
Question 36Agya adeɛ bi wɔ hɔ, sɛ wotia n’ayaase a na wasere, sɛ woyi wo nan a, na wamuna. Ɛyɛ deɛbɛn?A.ƆkraB.DadefidieC.AponkyerɛnneD.DadepɔnkɔObjective Show full explanation
Question 37Agya adeɛ bi wɔ hɔ, onipa mpɛ n’asɛm, nanso sɛ ɔba wo nkyɛn a, wobɔ wo nsam ma no. Ɛyɛ deɛn?A.NtontomB.ƆwɔC.NantwieD.AkorɔmaObjective Show full explanation
Question 38Deɛ ɛdidi soɔ yi nyina yɛ nokorɛ fa amoma ho, gye sɛA.ɛyɛ atetesɛmB.ɛyɛ abakɔsɛmC.ɛyɛ bɔsremkaD.ɛyɛ akokɔdurusɛmObjective Show full explanation
Question 39Atetesɛm kyerɛ sɛ na saa onipa yi tumi de berɛ tiawa bi we aburopata?A.Ɔkɔmfo AnɔkyeB.Aseibu AmamfiC.Didifuro KwadwoD.Ɔkɔmfo TuwodaObjective Show full explanation
Question 40Atetesɛm kyerɛ sɛ saa onipa yi tumi de mpaboa foro bɛteneA.Ansa sasrakuB.Tweneboa KoduaC.Agyabirinti MɛnsaD.Ɔkɔmfo AnɔkyeObjective Show full explanation